Ɛsra 2 (ASNA)
1Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 2Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,2.2 Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔtwerɛɛ Nehemia Nwoma no. Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.
Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:
| 3Dodoɔ a wɔyɛ | |
| Paros abusuafoɔ | 2,172 |
| 4Sefatia abusuafoɔ | 372 |
| 5Arah abusuafoɔ | 775 |
| 6Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) | 2,812 |
| 7Elam abusuafoɔ | 1,254 |
| 8Satu abusuafoɔ | 945 |
| 9Sakai abusuafoɔ | 760 |
| 10Bani abusuafoɔ | 642 |
| 11Bebai abusuafoɔ | 623 |
| 12Asgad abusuafoɔ | 1,222 |
| 13Adonikam abusuafoɔ | 666 |
| 14Bigwai abusuafoɔ | 2,056 |
| 15Adin abusuafoɔ | 454 |
| 16Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) | 98 |
| 17Besai abusuafoɔ | 323 |
| 18Yora abusuafoɔ | 112 |
| 19Hasum abusuafoɔ | 223 |
| 20Gibar abusuafoɔ | 95 |
| 21Betlehemfoɔ | 123 |
| 22Netofafoɔ | 56 |
| 23Anatotfoɔ | 128 |
| 24Asmawetfoɔ | 42 |
| 25Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ | 743 |
| 26Ramafoɔ ne Gebafoɔ | 621 |
| 27Mikmasfoɔ | 122 |
| 28Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ | 223 |
| 29Nebo ɔman mma | 52 |
| 30Magbis ɔman | 156 |
| 31Elam ɔman mma | 1,254 |
| 32Harim ɔman mma | 320 |
| 33Lod, Hadid ne Ono ɔman mma | 725 |
| 34Yeriko ɔman mma | 345 |
| 35Senaa ɔman mma | 3,630 |
36Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
| Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) | 973 |
| 37Imer abusuafoɔ | 1,052 |
| 38Pashur abusuafoɔ | 1,247 |
| 39Harim abusuafoɔ | 1,017 |
40Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
| Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) | 74 |
41Nnwontofoɔ:
| Asaf2.41 Na Asaf yɛ Lewifoɔ no mu baako a Dawid yii no maa ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so. abusuafoɔ | 128 |
42Aponoanohwɛfoɔ:2.42 Na aponoanohwɛfoɔ no yɛ Lewifoɔ a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.
| Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ | |
| Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ | 139 |
43Asɔredan asomfoɔ:
| Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ, |
| 44Keros, Siaha, Padon asefoɔ, |
| 45Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ, |
| 46Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ, |
| 47Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ, |
| 48Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ, |
| 49Usa, Paseah, Besai asefoɔ, |
| 50Asna, Meunim, Nefus asefoɔ, |
| 51Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ, |
| 52Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ, |
| 53Barkos, Sisera, Tema asefoɔ, |
| 54Nesia ne Hatifa. |
55Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ:
| Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ, | |
| 56Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ, | |
| 57Sefatia, Hatil, | |
| Pokeret-Hasebaim ne Ami. | |
| 58Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ | 392 |
59Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ.
Saa nnipakuo yi ne:
| 60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ | 652 |
61Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:
Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. 63Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
64Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360), 65a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ2.65 Lewifoɔ nnwomtofoɔ no akyi no na nnwomtofoɔ foforɔ bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, awadeɛ ne ayiase. ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa. 66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245), 67nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.
68Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ. 69Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.
70Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.