Ɛsra 2 (AKNA)

1Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. 2Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,2.2 Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔkyerɛw Nehemia Nhoma no. Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.
Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni:
3Dodow a wɔyɛ
   Paros asefo2,172
   4Sefatia asefo372
   5Arah asefo775
   6Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo)2,812
   7Elam asefo1,254
   8Satu asefo945
   9Sakai asefo dodow yɛ760
   10Bani asefo dodow yɛ642
   11Bebai asefo dodow yɛ623
   12Asgad asefo dodow yɛ1,222
   13Adonikam asefo dodow yɛ666
   14Bigwai asefo dodow yɛ2,056
   15Adin asefo dodow yɛ454
   16Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ98
   17Besai asefo dodow yɛ323
   18Yora asefo dodow yɛ112
   19Hasum asefo dodow yɛ223
   20Gibar asefo dodow yɛ95
   21Betlehemfo dodow yɛ123
   22Netofafo dodow yɛ56
   23Anatotfo dodow yɛ128
   24Asmawetfo dodow yɛ42
   25Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ743
   26Ramafo ne Gebafo dodow yɛ621
   27Mikmasfo dodow yɛ122
   28Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ223
   29Nebo ɔmanmma dodow yɛ52
   30Magbis ɔman dodow yɛ156
   31Elam ɔmanmma dodow yɛ1,254
   32Harim ɔmanmma dodow yɛ320
   33Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ725
   34Yeriko ɔmanmma dodow yɛ345
   35Senaa ɔmanmma dodow yɛ3,630
36Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:
Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ973
37Imer asefo dodow yɛ1,052
38Pashur asefo dodow yɛ1,247
39Harim asefo dodow yɛ1,017
40Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:
Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ74
41Nnwontofo:
Asaf2.41 Na Asaf yɛ Lewifo no mu baako a Dawid yii no ma ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so. asefo mu nnwontofo dodow yɛ128
42Aponanohwɛfo:2.42 Na aponanohwɛfo no yɛ Lewifo a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.
Salum, Ater, Talmon asefo
Akub, Hatita ne Sobai asefo139
43Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae:
Siha, Hasufa, Tabaot,
44Keros, Siaha, Padon,
45Lebana, Hagaba, Akub,
46Hagab, Samlai, Hanan,
47Gidel, Gahar, Reaia,
48Resin, Nekoda, Gasam,
49Usa, Paseah, Besai,
50Asna, Meunim, Nefisi,
51Bakbuk, Hakufa, Harhur,
52Baslut, Mehida, Harsa,
53Barkos, Sisera, Tema,
54Nesia ne Hatifa.
55Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae:
Sotai, Hasoferet, Peruda,
56Yaala, Darkon, Gidel,
57Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Ami.
58Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ362
59Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo.
Saa nnipakuw yi ne:
60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ652
61Asɔfo mmusua abiɛsa:
Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. 63Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.
64Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), 65a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofo2.65 Lewifo nnwontofo no akyi no na nnwontofo foforo bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, aware ne ayi ase. ahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea. 66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245), 67yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe.
68Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ. 69Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo.
70Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.