Nehemia 7 (AKNA)

1Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo. 2Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree. 3Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.”
Nehemia Kyerɛw Nnipa No Din
4Saa bere no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afi kakraa bi na na esisi kuropɔn no mu. 5Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni:
6Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. 7Wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana.
Israelfo dodow a wofi nnommum mu bae no ni:
8Abusuafo dodow ni:
  Paros asefo2,172
   9Sefatia asefo372
   10Arah asefo652
   11Pahat-Moab (Yesua ne Yoab) asefo2,818
   12Elam asefo1,254
   13Satu asefo845
   14Sakai asefo760
   15Binui asefo648
   16Bebai asefo628
   17Asgad asefo2,322
   18Adonikam asefo667
   19Bigwai asefo2,067
   20Adin asefo655
   21Ater (Hesekia) asefo98
   22Hasum asefo328
   23Besai asefo324
   24Harif asefo112
   25Gibeon asefo95
   26Mmarima dodow a wofi
  Betlehem ne Netofa188
   27Anatot128
   28Bet-Asmawet42
   29Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot743
   30Rama ne Geba621
   31Mikmas122
   32Bet-El ne Ai123
   33Nebo52
   34Elam1,254
   35Harim320
   36Yeriko345
   37Lod, Hadid ne Ono721
   38Senaa3,930
39Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:
Yedaia asefo (Yesua fifo mu no)973
40Imer asefo1,052
41Pashur asefo1,247
42Harim asefo1,017
43Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:
Yesua (Kadmiel ne Hodewa fifo) asefo74
44Nnwontofo:
Asaf asefo148
45Asɔredan Aponanohwɛfo:
Salum, Ater, Talmon asefo,
Akub, Hatita ne Sobai asefo138
46Asɔredan mu asomfo:
Siha, Hasufa, Tabaot asefo,
47Keros, Siaha, Padon asefo,
48Lebana, Hagaba, Salmai asefo,
49Hanan, Gidel, Gahar asefo,
50Reaia, Resin, Nekoda asefo,
51Gasam, Usa, Paseah asefo,
52Besai, Meunim, Nefusim asefo,
53Bakbuk, Hakufa, Harhur asefo,
54Baslit, Mehida, Harsa asefo
55Barkos, Sisera, Tema asefo
56Nesia ne Hatifa asefo,
57Ɔhene Salomo asefo asomfo a wofi nnommum mu bae no ni:
Sotai, Soferet, Perida asefo,
58Yaala, Darkon, Gidel asefo,
59Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Amon asefo,
60Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no nyinaa, na wɔn dodow yɛ392
61Kuw foforo bi a saa bere yi wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yiye sɛ, wɔn anaa wɔn asefo no ase fi Israel:
62Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua no ka saa kuw yi ho, na wɔn dodow yɛ642
63Asɔfo baasa a wɔn din de
Habaia, Hakos ne Barsilai a wɔyɛ mmusua abiɛsa no nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ofi Gilead mmabea no baako ama wafa ɔbea no abusuadin.)
64Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. 65Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.
66Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), 67a ɛno akyi, asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) ne nnwontofo mmarima ne mmea ahannu aduanan anum (245) ka ho. 68Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa asia (736), funumpɔnkɔ ahannu ne aduanan anum (245). 69Yoma ahannan ne aduasa anum (435) ne mfurum mpem asia ahanson ne aduonu (6,720) kaa wɔn ho.
70Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem (1,000), sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum (50) ne asɔfotade ahannum ne aduasa (530). 71Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no. 72Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason (67).
73Enti asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne nnipa no bi, ne Israelfo a wɔaka nyinaa bɔɔ atenase wɔ wɔn ankasa nkurow so.
Ɛsra Kenkan Mmara No
Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfo akokɔ wɔn nkurow so no,